Deuteronomy 20:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ moretua kuropɔn bi na ɔko no rekɔ so a, monnsɛe nnua. Monni nnuaba no na monntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfoɔ a ɛsɛ sɛ moto hyɛ so!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ wotua kuro bi nna pii ne no reko afa a, mfa akuma nsɛe ho nnua, na ɛso aba bi na die, na mmu ngu. Afuo mu dua yɛ onipa na woasɛe no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ wotua kuro bi nna pii ne no reko afa a, mfa akuma nsɛe hɔ nnua, na ɛso aba bi na die, na mmu ngu. Afuo mu dua yɛ onipa na woasɛe no?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ wutua kurow bi nna pii ne no reko afa a, mfa akuma nsɛe ho nnua, na ɛso aba bi na di, na ntow ngu: So afuw mu dua yɛ onipa na woatua no?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ motua kuropɔn bi ano kyɛ, a moreko afa kurow no a, mommfa abonnua ntwitwa mu nnua nsɛe no. Efisɛ mubetumi adi nʼaba. Munntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfo a ɛsɛ sɛ motow hyɛ so!