Deuteronomy 20:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Obi wɔ ha a wadɔ bobefuo na ɔnnii mu aba da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔdi mu aba.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na onii ko a watɛ bobeturo na ɔnnya nyii ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu, na obi anyi ano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na onii ko a watɛ bobeturo na ɔnnya nyii ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu, na obi anyi ano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na onii ko a watɛw bobeturo na onnya nyii ano no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu, na obi anyi ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obi wɔ ha a wadɔw bobeturo na onnidii mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akodidi mu.