Deuteronomy 21:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na wɔnni nʼanim mfa no nkɔ subɔnhwa a wɔmfuntum anaa wɔnnuaa hwee wɔ hɔ da na nsuo resene wɔ mu mu. Subɔnhwa no mu na ɛsɛ sɛ wɔbu nantwie ba no kɔn mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
nsiane nkɔ subonhwa a nsuo sene wɔ mu a wɔnnɔeɛ na wɔnnuaa mu adeɛ da mu, na wɔmmu nantwiburuwa no kɔn mu wɔ subonhwa no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
nsiane nkɔ subonhwa a nsuo sene wɔ mu a wɔnnɔeɛ na wɔnnuaa mu adeɛ da mu, na wɔmmu nantwiburuwa no kɔn mu wɔ subonhwa no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na kurow no mu mpanyimfo no mfa nantwiforo no nsian nkɔ subon a nsu sen wom a wɔnnɔwee na wonnuaa mu ade da mu, na wommu nantwiforo no kɔn mu wɔ osubon no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na wonni nʼanim mfa no nkɔ subon a womfuntumii anaa wonnuaa hwee wɔ hɔ da na nsu sen wɔ mu. Subon no mu na ɛsɛ sɛ wobu nantwi ba no kɔn mu.