Deuteronomy 21:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ao, Awurade, fa kyɛ wo ɔman Israel a wogyee wɔn no. Mfa mogya a ɛdi bem yi ho so nto wo nnipa Israel so.” Wɔwie yei a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afiri wɔn so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE fa kyɛ wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a ɛdi bem ho afobuo ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi kyɛ wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE fa kyɛ wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a ɛdi bem ho afobuo ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi kyɛ wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE, fa firi wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a edi bem ho afobu ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi firi wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade, gye saa mpata ma wo man Israel a wugyee wɔn no. Mfa mogya a edi bem yi ho so nto wo nkurɔfo Israel so.” Wowie eyi a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afi hɔ.