Deuteronomy 22:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri sɛ, ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te sɛ obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ababaa no deɛ, nyɛ no hwee, bɔne a ɛsɛ wuo nni ababaa no so, ɛfiri sɛ sɛdeɛ onipa sɔre tia ne yɔnko ku no no, saa na asɛm yi teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ababaa no deɛ, nyɛ no hwee, bɔne a ɛsɛ wuo nni ababaa no so, ɛfiri sɛ sɛdeɛ onipa sɔre tia ne yɔnko ku no no, saa na asɛm yi teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ababaa no de, nyɛ no hwee, bɔne a ɛsɛ owu nni ababaa no so, efisɛ sɛnea onipa sɔre hyɛ ne yɔnko kum no no, saa na asɛm yi te;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Monnyɛ ababaa no hwee, efisɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛma ɔfata owu. Saa asɛm yi te sɛ obi a watow ahyɛ ne yɔnko so akum no,