Deuteronomy 22:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɛsɛ sɛ ɔtua dwetɛ kilogram mmienu ne fa ma ababaawa no agya. Na ɛno akyi, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaawa no, ɛfiri sɛ, wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no awadeɛ da.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no mma ababaa no agya dwetɛ nnwetɛbena aduonum, na ɔnyɛ ne yere sɛ ɔbrɛɛ no aseɛ nti; na ɔnnko no ne nna nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no mma ababaa no agya dwetɛ nnwetɛbena aduonum, na ɔnyɛ ne yere sɛ ɔbrɛɛ no aseɛ nti; na ɔnnko no ne nna nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɛnne ɔbarima a ɔne no dae no mma ababaa no agya dwetɛ nnwetɛbona aduonum, na ɔnyɛ ne yere sɛ ɔbrɛɛ no ase nti; na ɔnnko no ne nna nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɛsɛ sɛ otua dwetɛ kilogram abien ne fa ma ababaa no agya. Na ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaa no, efisɛ wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no aware da.