Deuteronomy 23:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mommfa afɔrebɔdeɛ anaa adenya bi a ɛfiri odwamanfoɔ nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa, mma Awurade mo Onyankopɔn fie, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade mo Onyankopɔn akyiwadeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mfa ɔbaa odwamamfoɔ apɛdeɛ anaa ɔkraman (ɔbarima odwamamfoɔ) apaadeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn fie wɔ wo bɔhyɛ biara mu, na ne mmienu no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mfa ɔbaa odwamamfoɔ apɛdeɛ anaa ɔkraman (ɔbarima odwamamfoɔ) apaadeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn fie wɔ wo bɔhyɛ biara mu, na ne mmienu no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mfa ɔbea guamanfo apɛde anaa ɔkraman (ɔbarima oguamanfo) apaade mma AWURADE wo Nyankopɔn fi wo bɔhyɛ biara mu, na n’abien no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mommfa afɔrebɔde anaa adenya bi a efi oguamanfo nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea, mma Awurade, mo Nyankopɔn no, fi, efisɛ ɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade.