Deuteronomy 25:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔto hyɛɛ mo so ɛberɛ a moabrɛbrɛ na moatotɔ baha no, na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wɔnsuro Onyankopɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
sɛdeɛ ɔbɛtoaa wo ɛkwan soɔ, berɛ a woatɔ piti na woabrɛ, na ɔtwaa wɔn a aka w’akyire no nyinaa guiɛ wɔ w’akyire, na wansuro Onyankopɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
sɛdeɛ ɔbɛtoaa wo ɛkwan soɔ, berɛ a woatɔ piti na woabrɛ, na ɔtwaa wɔn a aka w’akyire no nyinaa guiɛ wɔ w’akyire, na wansuro Onyankopɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛnea ɔbɛtoaa wo ɔkwan mu, bere a woatɔ piti na woabrɛ, na otwaa wɔn a aka w’akyi no nyinaa gui wɔ w’akyi, na wansuro Onyankopɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔtow hyɛɛ mo so bere a moabrɛbrɛ na moatotɔ beraw no na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wonsuro Onyankopɔn.