Deuteronomy 25:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ nuammarima baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ sɛ okunafoɔ no kɔware ɔhɔhoɔ. Mmom, ne kunu a wawuo no nuabarima na ɛsɛ sɛ ɔware okunafoɔ no, na wayɛ okunu nua asɛdeɛ ama okunafoɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ anuanom tena faako na wɔn mu baako wu na ɔnni ba a, owufoɔ no yere nnkɔ baabi nnkɔware ɔhɔhoɔ; ne kunu nua nkɔ ne ho nware no, na ɔnyɛ ekunu nua ayɛdeɛ mma no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ anuanom tena faako na wɔn mu baako wu na ɔnni ba a, owufoɔ no yere nnkɔ baabi nnkɔware ɔhɔhoɔ; ne kunu nua nkɔ ne ho nware no, na ɔnyɛ ekunu nua ayɛdeɛ mma no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ anuanom tena faako na wɔn mu biako wu na onni ba a, owufo no yere nnkɔ baabi nnkɔware ɔhɔho; ne kunu ne nua nkɔ ne ho nware no, na ɔnyɛ okunu nua asɛde mma no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ nuabarimanom baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ sɛ okunafo no kɔware ɔhɔho. Mmom, ne kunu a wawu no nuabarima na ɛsɛ sɛ ɔware okunafo no ma ɔyɛ okunu nua no asɛde.