Deuteronomy 25:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
okunafoɔ no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanimfoɔ no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔ ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasuo agu nʼanim na waka sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛnneɛ ne nua yere no ntwe mpini no mpanimfoɔ no anim, na ɔnyi ɔbarima no nan ase mpaboa, na ɔnhinam n’ani so ntasuo nka sɛ: Saa na wɔnyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔsiesie ne nua fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛnneɛ ne nua yere no ntwe mpini no mpanimfoɔ no anim, na ɔnyi ɔbarima no nan ase mpaboa, na ɔnhinam n’ani so ntasuo nka sɛ: Saa na wɔnyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔsiesie ne nua fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɛnne ne nua yere no ntwiw mmɛn no mpanyimfo no anim, na ɔnsan ne nan mpaboa, na onhinam n’ani so ntasu nka sɛ: Saa na wɔnyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ osiesie ne nua fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
okunafo no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanyimfo no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔw ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasu agu nʼanim na waka se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.”