Deuteronomy 26:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Manni bi ɛberɛ a meretwa adwo anaasɛ ɛberɛ a na me ho nte no. Afei nso, mamfa me nsa anka bi, na mamfa mu bi nso amma awufoɔ. Matie Awurade, me Onyankopɔn, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
mennii bi m’awerɛhoɔ mu, na menyii bi berɛ a me ho nteɛ, na memfaa bi memmaa owufoɔ biara. Matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛdeɛ woahyɛ me no nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
mennii bi m’awerɛhoɔ mu, na menyii bi berɛ a me ho nteɛ, na memfaa bi memmaa owufoɔ biara. Matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛdeɛ woahyɛ me no nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
minnii bi m’awerɛhow mu, na minyii bi, bere a me ho ntew, na memfaa bi memmaa owufo bi; matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛnea woahyɛ me nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Manni akronkronne no bi bere a meretwa adwo no, na bere a na me ho ntew no nso, mamfa me nsa anka bi; na mamfa mu bi nso amma awufo. Matie Awurade, me Nyankopɔn no, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no.