Deuteronomy 28:36 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade bɛpamo mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame foforɔ, anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE de wo ne wo hene a wobɛsi no wo soɔ no bɛkɔ ɔman a wo ne wo nananom nnim soɔ, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ, nnua ne aboɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE de wo ne wo hene a wobɛsi no wo soɔ no bɛkɔ ɔman a wo ne wo nananom nnim soɔ, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ, nnua ne aboɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE de wo ne wo hene a wubesi no wo so no bɛkɔ ɔman a wo ne w’agyanom nnim so, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforo, nnua ne abo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade bɛpam mo ne mo hene a odi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame afoforo, anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ.