Deuteronomy 28:55 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na ɔremma wɔn mu biara ɛnam no bi nwe. Esiane sɛ, ɔnni biribi a aka a ɔbɛwe wɔ otua no a mo atamfoɔ no bɛtua mo nkuropɔn no nyinaa enti.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
sɛ ɔremma wɔn mu biara ne mma nam a ɔredie no bie, ɛfiri sɛ hwee nkae wɔ ne ho bio, — ahohiahia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere woɔ, wo nkuro apono nyinaa mu no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
sɛ ɔremma wɔn mu biara ne mma nam a ɔredie no bie, ɛfiri sɛ hwee nkae wɔ ne ho bio, — ahohiahia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere woɔ, wo nkuro apono nyinaa mu no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
sɛ ɔremma wɔn mu biara ne mma nam a ɔredi no bi, efisɛ hwee nkae wɔ ne ho bio, ahohia ne ahokyere a wo tamfo bɛma wo ho akyere wo, wo nkurow nyinaa mu no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na ɔremma wɔn mu biara ne mma no mu bi nam a ɔrewe no. Esiane sɛ ɛno ara ne nea aka a ɔbɛwe wɔ bere a mo atamfo atua mo nkuropɔn no nyinaa ano rehiahia mo ho no nti.