Deuteronomy 29:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, “Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn yɛeɛ ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim asase so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn nananom Nyankopɔn apam a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ no, ɔne wɔn pameeɛ no,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn nananom Nyankopɔn apam a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ no, ɔne wɔn pameeɛ no,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn apam a oyii wɔn Misraim asase so no, ɔne wɔn pamee no,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔbɛka akyerɛ wɔn se, “Saa asɛm yi sii, efisɛ nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, yɛe bere a oyii wɔn fii Misraim asase so no.