Deuteronomy 3:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ao Otumfoɔ Awurade, meyɛ wʼakoa. Afei, na worekyerɛ me wo kɛseyɛ ne wo tumi. Onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a ɔbɛtumi ayɛ mmaninneɛ te sɛ wo?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE Nyankopɔn, wo na woafiri aseɛ de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase soɔ a ɔbɛtumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninneɛ yi bie?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE Nyankopɔn, wo na woafiri aseɛ de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase soɔ a ɔbɛtumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninneɛ yi bie?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE, wo na woafi ase de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a obetumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninne yi bi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Otumfo Awurade, woafi ase reda wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no adi akyerɛ wʼakoa. Na onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a obetumi ayɛ mmaninne te sɛ wo?