Deuteronomy 30:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nante nʼakwan mu, di ne mmara so a, mobɛnya nkwa na mo ase adɔre, na Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nante n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ so, na woanya nkwa, na woadɔre, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ so akɔdi soɔ no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nante n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ so, na woanya nkwa, na woadɔre, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ so akɔdi soɔ no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nantew n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde ne n’atemmude so, na woanya nkwa, na woadɔ, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ hɔ akodi so no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Nyankopɔn, nantew nʼakwan mu, di ne mmara so a, mubenya nkwa na mo ase adɔ, na Awurade, mo Nyankopɔn behyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so.