Deuteronomy 30:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mpo, wɔapam mo kɔ akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, ɛfiri hɔ no, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛboaboa mo ano asane de mo aba bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ wo nnipa a wapamo wɔn no wɔ ɔsoro ano mpo a, ɛfiri hɔ na AWURADE wo Nyankopɔn bɛboa wo ano, na ɛfiri hɔ na ɔbɛfa woɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ wo nnipa a wapamo wɔn no wɔ ɔsoro ano mpo a, ɛfiri hɔ na AWURADE wo Nyankopɔn bɛboa wo ano, na ɛfiri hɔ na ɔbɛfa woɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ wo nnipa a wapam wɔn no wɔ ɔsoro ano po a, efi hɔ na AWURADE wo Nyankopɔn bɛboa w’ano, na efi hɔ na ɔbɛfa wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mpo, wɔapam mo kɔ akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, efi hɔ no, Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛboaboa mo ano asan de mo aba.