Deuteronomy 31:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wo owuo berɛ aso. Frɛ Yosua na fa no kɔ ntomadan no mu na mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa wɔ hɔ.” Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi wɔ ntomadan no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebɛwuo no abɛn; frɛ Yosua bra, na mommɛgyina ntomadan no mu, na menhyɛ no mmara. Na Mose ne Yosua ba bɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebɛwuo no abɛn; frɛ Yosua bra, na mommɛgyina ntomadan no mu, na memfa n’adwuma nhyɛ ne nsa. Na Mose ne Yosua ba bɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebewu abɛn; frɛ Yosua bra, na mummegyina ahyiae ntamadan no mu, na menhyɛ no mmara. Na Mose ne Yosua bae begyinaa ahyiae ntamadan no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wo wu bere aso. Frɛ Yosua na fa no kɔ Ahyiae Ntamadan no mu, faako a mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa no.” Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.