Deuteronomy 31:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhaw ne akwansideɛ bebree ba wɔn so a, ɛdwom yi bɛtia wɔn, ɛfiri sɛ, wɔn asefoɔ werɛ remfiri da. Menim deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa koraa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ danseni adi adanseɛ wɔ wɔn anim, ɛfiri sɛ ɛrempa wɔn asefoɔ anomu. Na menim wɔn adwene a wɔredwene nnɛ mpo, ansa na mede wɔn maduru asase a mekaa ho ntam no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ danseni adi adanseɛ wɔ wɔn anim, ɛfiri sɛ ɛrempa wɔn asefoɔ anomu. Na menim wɔn adwene a wɔredwene nnɛ mpo, ansa na mede wɔn maduru asase a mekaa ho ntam no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ ɔdansefo adi adanse wɔ wɔn anim, efisɛ ɛrempa wɔn asefo anom. Na minim wɔn adwene a wɔredwen nnɛ po, ansa na mede wɔn madu asase a mekaa ho ntam no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhaw ne akwanside bebree ba wɔn so a, dwom yi bedi adanse atia wɔn, efisɛ wɔn asefo werɛ remfi da. Minim nea wotumi yɛ koraa ansa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.”