Deuteronomy 32:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ; Mɛma wɔn awieeɛ aba! Ɛfiri sɛ, wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye; mma a wɔnni nokorɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔkaa sɛ: Mɛyi m’ani mahunta wɔn, mɛhwɛ deɛ wɔn akyiri bɛwie, na awoɔ ntoatoasoɔ kontonkyi ne wɔn, mma a nokorɛ nni wɔn mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔkaa sɛ: Mɛyi m’ani mahunta wɔn, mɛhwɛ deɛ wɔn akyiri bɛwie, na awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye ne wɔn, mma a nokorɛ nni wɔn mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔkae sɛ: Meyi m’ani mahintaw wɔn, mɛhwɛ nea wɔn akyiri bewie, na awo ntoatoaso kɔntɔnkye ne wɔn, mma a nokware nni wɔn mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔn na wɔahu sɛnea wɔn awiei bɛyɛ Efisɛ, wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo; mma a wonni nokware.