Deuteronomy 32:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe; wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo. Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere; mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔn deɛ, wɔde deɛ ɛnyɛ Onyankopɔn maa metwee ninkunu, wɔde wɔn adehuhuo yii me abufuo. Na me nso mede deɛ ɛnyɛ ɔman bɛma wɔatwe ninkunu, mede ɔman nkwaseafoɔ bi na ɛbɛyi wɔn abufuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔn deɛ, wɔde deɛ ɛnyɛ Onyankopɔn maa metwee ninkunu, wɔde wɔn adehuhuo yii me abufuo. Na me nso mede deɛ ɛnyɛ ɔman bɛma wɔatwe ninkunu, mede ɔman nkwaseafoɔ bi na ɛbɛyi wɔn abufuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn de, wɔde nea ɛnyɛ Onyankopɔn ma metwee ninkunu, wɔde wɔn adehuhuw yi me ahi: Na me nso mede nea ɛnyɛ ɔman mɛma wɔatwe ninkunu, mede ɔman nkwasea bi na ɛbeyi wɔn ahi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwe na wɔde wɔn ahoni ahuhuw no ahyɛ me abufuw. Mɛma wɔn ani abere nnipa a wɔnyɛ me nkurɔfo. Mɛma ɔman a wonni ntease no ahyɛ wɔn abufuw.