Deuteronomy 32:35 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka. Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri. Wɔn amanehunu da no bɛduru, na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Me na aweretɔ ne akatua wɔ me, ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no. Na wɔn dwɛreɛ da abɛn, na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Me na aweretɔ ne akatua wɔ me, ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no. Na wɔn dwɛreɛ da abɛn, na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Me na aweredi ne akatua wɔ me, ɛbere a wɔn nan bɛwatiriw no. Na wɔn dwerɛw da abɛn, na nea wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛtɔ were; metua so ka. Wɔn nan bɛwatiri bere a ɛsɛ mu; wɔn atoyerɛnkyɛm no abɛn na wɔn sɛe taa wɔn.”