Deuteronomy 32:36 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho, Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa, na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE bɛbu ne man atɛn, na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ, berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa, na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE bɛbu ne man atɛn, na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ, berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa, na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE bebu ne man atɛn, na ne nkoa ade bɛyɛ no mmɔbɔ, bere a obehu sɛ wɔagurow koraa, na akoa anaa ɔdehye nni hɔ bio.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho, bere a wahu sɛ wɔn ahoɔden asa, na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehye.