Deuteronomy 33:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba. Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn. Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman, apamo wɔn akɔ asase ano. Yei ne me nhyira a mede rema Efraim bebrebe ne Manase mpempem no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa aguo akɔduru asase ano. Na wɔn ne Efraim apedu no, Manase mpempem ne no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa aguo akɔduru asase ano. Na wɔn ne Efraim apedu no, Manase mpempem ne no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ne nantwinini abakan, anuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde besunsum aman nyinaa agu akodu asase ano. Efraim dodow ne no, na Manase mpem ne no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yosef sɛ nantwinini a ɔyɛ abakan wɔ ahenni mu. Ne ahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn. Ɔde bɛwowɔ aman no, wɔn a wɔwɔ asase ano no mpo. Eyinom ne Efraim mpem du du no; eyinom ne Manase mpempem no.”