Deuteronomy 33:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nhyira nka mo, Ao Israel! Hwan na ɔte sɛ mo, nnipa a Awurade agye mo nkwa. Ɔyɛ mo akokyɛm ne mo ɔboafoɔ ne mo nkonimdie akofena! Mo atamfoɔ bɛkoto mo anim, na moatiatia wɔn so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ! Ɔyɛ wo mmoa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ. W’atamfo bɛwae ama wo, na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ! Ɔyɛ wo mmoa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ. W’atamfo bɛwae ama wo, na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nhyira ne wo, Israel, hena na ɔte sɛ wo, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagye! Ɔyɛ wo boa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrante. W’atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama wo, na wo de, wubetiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nhyira nka mo, Israel! Hena na ɔte sɛ mo, nnipa a Awurade agye mo nkwa. Ɔyɛ mo nkatabo ne boafo ne mo anuonyam afoa! Mo atamfo bɛkotow mo anim, na moatiatia wɔn sorɔnsorɔmmea.”