Deuteronomy 4:34 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onyame foforɔ bi nam ɔgye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa, ɔko, tumidie ne ahodwiredeɛ so agye ɔman bi afiri ɔman foforɔ bi nsam afa sɛ ne dea anaa? Nanso, saa na Awurade, mo Onyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a mo ani hunuiɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ sɛ ɔbɛkɔ akoyi ɔman bi afi ɔman bi mu afa, sɔhwɛ horow, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne akodi ne nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ ne ahodwiriwde akɛse mu, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
So onyame foforo bi nam ogye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa, ɔko, tumidi ne ahodwiriwde so agye ɔman bi afi ɔman foforo bi nsam afa sɛ ne de, sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a na mo ani tua no?