Deuteronomy 5:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na afei, adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu? Sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, kasa kyerɛ yɛn bio a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yɛbɛwuwu na ogya no ahye yɛn pasaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei, adɛn nti na yɛnwuo? Ɛfiri sɛ ogya kɛseɛ yi rebɛhye yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yɛbɛwuwu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei, adɛn nti na yɛnwuo? Ɛfiri sɛ ogya kɛseɛ yi rebɛhye yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yɛbɛwuwu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei, ɛdɛn nti na yenwu? Efisɛ ogya kɛse yi rebɛhyew yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yebewuwu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na afei, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu? Sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, kasa kyerɛ yɛn bio a, akyinnye biara nni ho sɛ yebewu na ogya no ahyew yɛn pasaa.