Deuteronomy 6:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ wɔ Awurade ani so na biribiara awie mo yie. Na moakɔ akɔtena asase pa a Awurade hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na yɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ AWURADE ani soɔ, na asi wo yie, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na yɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ AWURADE ani soɔ, na asi wo yie, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na yɛ nea ɛteɛ na eye AWURADE ani so, na asi wo yiye, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Monyɛ de ɛteɛ na eye wɔ Awurade ani so na biribiara awie mo yiye. Na moakɔ akɔfa asase pa a Awurade hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no,