Deuteronomy 7:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Awurade bɛbɔ mo ho ban afiri yadeɛ nyinaa ho. Ɔremma owuyadeɛ a ebi bɔɔ mo wɔ Misraim no bi mmɔ mo, na ɔde saa yadeɛ no nyinaa bɛma mo atamfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE bɛyi yadeɛ nyinaa afiri wo so, na ɔremfa Misraim yadeɛ bɔne a wonim no biara nto wo so, na ɔde bɛto wɔn a wɔtane woɔ nyinaa so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE bɛyi yadeɛ nyinaa afiri wo so, na ɔremfa Misraim yadeɛ bɔne a wonim no biara nto wo so, na ɔde bɛto wɔn a wɔtane woɔ nyinaa so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE beyi ɔyare nyinaa afi wo so, na ɔremfa Misraim yare bɔne a wunim no biara nto wo so, na ɔde bɛto wɔn a wɔtan wo nyinaa so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Awurade bɛbɔ mo ho ban afi ɔyare nyinaa ho. Ɔremma owuyare a bi bɔɔ mo wɔ Misraim no bi mmɔ mo na ɔde saa ɔyare no nyinaa begu mo atamfo so.