Deuteronomy 9:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Siane firi ha ntɛm kɔ, ɛfiri sɛ, nnipa a wodii wɔn anim firi Misraim no adane abɔnefoɔ. Wɔamane afiri ɛkwan a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔntena ase no so dada, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ ohoni afa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre siane firi ha ntɛm, na ɔman a wokɔyii wɔn firii Misraim no adi asɛmmɔne. Wɔadane ntɛm afiri ɔkwan a mehyɛɛ wɔn no so; wɔayɛ ohoni a wɔaguo afa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre siane firi ha ntɛm, na ɔman a wokɔyii wɔn firii Misraim no adi asɛmmɔne. Wɔadane ntɛm afiri ɔkwan a mehyɛɛ wɔn no so; wɔayɛ ohoni a wɔaguo afa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre sian fi ha ntɛm, na ɔman a wukoyii wɔn Misraim no di asɛmmɔne; wɔadan ntɛm afi ɔkwan a mehyɛɛ wɔn no so; wɔayɛ sika ohoni afa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sian fi ha ntɛm kɔ, efisɛ nnipa a wudii wɔn anim fi Misraim no adan abɔnefo. Wɔaman afi ahyɛde a memaa wɔn no ho na wɔayɛ ohoni afa.”