Deuteronomy 9:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, merehyɛ mo ase ɛnnɛ sɛ, Awurade mo Onyankopɔn na ɔredi mo anim te sɛ ogya dɛreɛ a ɛresɛe adeɛ. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo bɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na hunu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne deɛ ɔdi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyeɛ; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ woɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na hunu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne deɛ ɔdi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyeɛ; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ woɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na hu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne nea odi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyew; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wo no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso merehyɛ mo ase nnɛ sɛ, Awurade, mo Nyankopɔn, na ɔredi mo anim te sɛ ogyaframa a ɛresɛe ade. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛnea Awurade hyɛɛ mo bɔ no.