Ecclesiastes 1:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nimdeɛ bebree de awerɛhoɔ na ɛba; nyansa bebree de ahohiahia bebree ba.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nyansa dodoɔ mu wɔ ɔhaw dodoɔ, na deɛ ɔtia nimdeɛ no ti awerɛhoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nyansa dodoɔ mu wɔ ɔhaw dodoɔ, na deɛ ɔtia nimdeɛ no ti awerɛhoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nyansa dodow mu wɔ ɔhaw dodow, na nea otia nimdeɛ no tia awerɛhow.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nimdeɛ bebree de awerɛhow na ɛba; nyansa dɔɔso a, awerɛhowdi dɔɔso.