Ecclesiastes 1:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ aba no bɛba bio, deɛ wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio; adeɛ foforɔ biara nni owia yi ase.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Adeɛ biara a ɛwɔ hɔ no bɛkɔ so ara awɔ hɔ. Na biribiara a ayɛ no, ɛbɛkɔ so ara ayɛ; na adeɛ foforɔ biara nni hɔ owia ase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Adeɛ biara a ɛwɔ hɔ no bɛkɔ so ara awɔ hɔ. Na biribiara a ayɛ no, ɛbɛkɔ so ara ayɛ; na adeɛ foforɔ biara nni hɔ owia yi ase.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Dɛn ne nea aba? Ɛne nea ɛbɛba; na ɛdɛn ne nea wɔayɛ? Ɛne nea wɔbɛyɛ; na ade foforo biara nni hɔ owia ase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea aba no bɛba bio, nea wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio; ade foforo biara nni owia yi ase.