Ecclesiastes 11:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dua wʼaba anɔpa, na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho, na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, sɛ yei anaa yei anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Gu w’aba anɔpa, na anwummerɛ nso nyi wo nsa mfiri ho; na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, yei anaa yei, anaasɛ ne mmienu nyinaa bɛbom ayɛ yie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Gu w’aba anɔpa, na anwummerɛ nso nyi wo nsa mfiri ho; na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, yei anaa yei, anaasɛ ne mmienu nyinaa bɛbom ayɛ yie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dua wʼaba anɔpa, na anwummere nso ma wo nsa nna ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, sɛ eyi anaa eyi, anaasɛ ebia abien no nyinaa bɛyɛ yie.