Ecclesiastes 12:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokorɛ nso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛhunu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na deɛ wɔatwerɛ no ne tenenee ne nokorɛ nsɛm.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛhunu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na deɛ wɔatwerɛ no ne tenenee ne nokorɛ nsɛm.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔsɛnkafo no hwehwɛe sɛ obehu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na nea wɔakyerɛw no ne trenee ne nokware nsɛm.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ sɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware nso.