Ecclesiastes 12:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono mu na ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase; ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane, nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase;
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔatoto borɔno so apono mu, na ayuyameeɛ gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofoɔ nyinaa nne asi ase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔatoto borɔno so apono mu, na ayuyameeɛ gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofoɔ nyinaa nne asi ase.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔatoto borɔn so apon mu, na awiyamee gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofo nyinaa nne asi ase;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
bere a wɔatoto abɔnten no apon mu na awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase; bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan, nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase;