Ecclesiastes 2:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ mʼani hwehwɛeɛ biara, mamfa ankame no; mansi mʼakoma anigyeɛ ho ɛkwan. Mʼakoma ani gyee me nnwuma nyinaa ho, na yei yɛ mʼadwumayɛ so akatua.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na biribiara a m’ani hwehwɛeɛ no, mankame no; mansi m’akoma anigyeɛ biara ho kwan, na m’akoma ani gyee me brɛ no nyinaa mu na yei yɛɛ me brɛ no nyinaa mu kyɛfa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na biribiara a m’ani hwehwɛeɛ no, mankame no; mansi m’akoma anigyeɛ biara ho kwan, na m’akoma ani gyee me brɛ no nyinaa mu na yei yɛɛ me brɛ no nyinaa mu kyɛfa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na biribiara a m’aniwa hwehwɛe no, mankame no; mansiw me koma anigye biara ho kwan, na me koma ani gyei me brɛ no nyinaa mu, na eyi yɛɛ me brɛ no nyinaa mu kyɛfa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea mʼani hwehwɛe biara mamfa ankame no; mansiw me koma anigye ho kwan. Me koma ani gyee me nnwuma nyinaa ho, na eyi yɛ mʼadwumayɛ so akatua.