Ecclesiastes 2:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ, abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm so. Ɛdeɛn bio na deɛ wɔadi ɔhene adeɛ bɛtumi ayɛ asene deɛ wɔayɛ dada no?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na medanee m’ani sɛ merehwɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm, na ɛdeɛn na onipa a ɔbɛba ɔhene akyire no bɛyɛ? Deɛ wɔayɛ no tete nteredee no ara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na medanee m’ani sɛ merehwɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm, na ɛdeɛn na onipa a ɔbɛba ɔhene akyire no bɛyɛ? Deɛ wɔayɛ no tete nteredee no ara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na medan m’ani sɛ merehwɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm, na dɛn na onipa a ɔbɛba ɔhene akyi no bɛyɛ? Gye nea wɔayɛ no dedaw!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ, adammɔsɛm ne nkwaseasɛm so. Dɛn bio na nea wadi ɔhene ade betumi ayɛ asen nea wɔayɛ dedaw no?