Ecclesiastes 2:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei mesusuu mʼakomam sɛ, “Ɔkwasea hyɛberɛ bɛto me nso. Enti sɛ mehunu nyansa a, mfasoɔ bɛn na menya?” Mekaa wɔ mʼakomam sɛ, “Yei nso nka hwee.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mekaa no m’akomam sɛ: Ɔkwasea asiane no ara bi na ɛbɛsiane me nso; na ɛno deɛ, adɛn nti na mehunuu nyansa mesenee ebinom? Na mesee no m’akomam sɛ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mekaa no m’akomam sɛ: Ɔkwasea asiane no ara bi na ɛbɛsiane me nso; na ɛno deɛ, adɛn nti na mehunuu nyansa mesenee ebinom? Na mesee no m’akomam sɛ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mekae me komam sɛ: Nea esiane ɔkwasea no bi ara na esiane me nso, na ɛno de, ɛdɛn nti na mihuu nyansa mesen ebinom? Na mekaa me komam sɛ: Eyi nso yɛ ahuhude.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei misusuw wɔ me koma mu se, “Ɔkwasea nkrabea bɛto me nso. Enti sɛ mihu nyansa a mfaso bɛn na minya?” Mekaa wɔ me koma mu se, “Eyi nso nka hwee.”