Ecclesiastes 2:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mepɛɛ sɛ mehunu deɛ ɛyɛ pa ara ma yɛn wɔ ɛberɛ tiawa a yɛwɔ wɔ asase yi so. Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ mede nsã bɛsɛpɛ me ho na mahwehwɛ, ahunu nkwaseasɛm asekyerɛ, a mʼankasa deɛ, mennyɛ ɔkwasea.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mepeepee m’akomam sɛ mede nsa bɛsɛpɛ me ho, na masɔ nkwaseasɛm mu ɛberɛ a mese meremma nyansa akyerɛ me kwan no. Na merepɛ ahunu sɛ ɛyɛ ma adasamma sɛ wɔbɛyɛ saa wɔ ɔsoro aseɛ, wɔn nkwa nna a ɛyɛ tia no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mepeepee m’akomam sɛ mede nsa bɛsɛpɛ me ho, na masɔ nkwaseasɛm mu ɛberɛ a mese meremma nyansa akyerɛ me kwan no. Na merepɛ ahunu sɛ ɛyɛ ma adasamma sɛ wɔbɛyɛ saa wɔ ɔsoro aseɛ, wɔn nkwa nna a ɛyɛ tia no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Medwen me komam, sɛ mede nsa mɛhwɛ me honam, na maso nkwaseasɛm mu makosi sɛ mehu nea eye ma nnipa mma a wɔbɛyɛ ɔsoro ase, wɔn nkwa nna kakra no, nso na merema nyansa akyerɛ me kwan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mepɛɛ sɛ mihu nea eye pa ara ma yɛn wɔ bere tiaa a yɛwɔ wɔ asase yi so no. Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ mede nsa bɛsɛpɛw me ho na mahwehwɛ, ahu nkwaseasɛm nkyerɛase, a na nyansa da so bɔ mʼankasa mʼadwene ho ban.