Ecclesiastes 3:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti mehunuu sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, ɛfiri sɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hwan na ɔbɛtumi de no asane aba sɛ ɔmmɛhwɛ deɛ ɛbɛsi ne wuo nʼakyi?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mehunuu sɛ adepa biara nni hɔ gye sɛ onipa ani gye ne nnwuma mu, na ɛne ne kyɛfa. Na hwan na ɔde no bɛba na wabɛhwɛ deɛ ɛbɛba akyire no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mehunuu sɛ adepa biara nni hɔ gye sɛ onipa ani gye ne nnwuma mu, na ɛne ne kyɛfa. Na hwan na ɔde no bɛba na wabɛhwɛ deɛ ɛbɛba akyire no?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mihui sɛ adepa bi nni hɔ gye sɛ onipa ani gye ne nnwuma mu, na ɛno ne ne de; na hena na ɔde no bɛba na wabɛhwɛ nea ɛbɛba n'akyi no?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti mihuu sɛ biribiara nni hɔ a eye ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, efisɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hena na obetumi de no asan aba sɛ ɔmmɛhwɛ nea ebesi ne wu nʼakyi?