Ecclesiastes 4:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam; ɔnni ɔbabarima anaa onuabarima. Nʼadwumaden amma nʼawieeɛ da, nanso nʼani ansɔ nʼahonya. Ɔbisaa ne ho sɛ, “Na hwan na merebrɛ ama no, na adɛn enti na mede anigyeɛ kame me kra?” Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛyɛ ɔhaw kwa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔbaako wɔ hɔ na obiara nka ne ho, nso ɔnni babarima anaa onuabarima, nanso ne brɛ nyinaa nni awieeɛ, ahonya nso mmee n’ani. Na hwan mpo na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Yei nso, ahuhudeɛ ne ɔhaw bɔne ne no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔbaako wɔ hɔ na obiara nka ne ho, nso ɔnni babarima anaa onuabarima, nanso ne brɛ nyinaa nni awieeɛ, ahonya nso mmee n’ani. Na hwan mpo na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Yei nso, ahuhudeɛ ne ɔhaw bɔne ne no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Obiako wɔ hɔ na obi nka ne ho, nso onni ba anaa onua, nanso ne brɛ nyinaa nni awiei, ahonya nso mmee n’aniwa. Na hena po na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Eyi nso, ahuhude ne ɔhaw bɔne ne no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam; onni ɔbabarima anaa onuabarima. Nʼadwumaden amma nʼawie da, nanso nʼani ansɔ nʼahonya. Obisaa ne ho se, “Na hena na merebrɛ ama no, na adɛn nti na mede anigye kame me kra?” Eyi nso yɛ ahuhude, ɛyɛ ɔhaw kwa.