Ecclesiastes 5:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Ɔnni anigyeɛ wɔ nkwaseafoɔ mu; enti di wo bɔhyɛ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, ɛfiri sɛ ɔnni nkwaseafoɔ ho akoma pa bi: Deɛ woahyɛ bɔ no, ma!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, ɛfiri sɛ ɔnni nkwaseafoɔ ho akoma pa bi: Deɛ woahyɛ bɔ no, ma!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, efisɛ onni nkwasea ho koma pa bi: Nea woahyɛ bɔ no, ma!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Onni anigye wɔ nkwaseafo mu; enti di wo bɔhyɛ so.