Ecclesiastes 6:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ ɛwɔ hɔ biara, wɔato edin dada, na sɛdeɛ onipa teɛ nso, wɔnim dada; onipa biara rentumi ne deɛ ɔwɔ ahoɔden sene noɔ nnye yei ho akyinnyeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Deɛ ɛwɔ hɔ biara no, na wɔabɔ ne din dada, na wɔnim sɛdeɛ onipa si teɛ, na wɔnim nso sɛ ɔntumi ne deɛ ɔyɛ den sene no no nham.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Deɛ ɛwɔ hɔ biara no, na wɔabɔ ne din dada, na wɔnim sɛdeɛ onipa si teɛ, na wɔnim nso sɛ ɔntumi ne deɛ ɔyɛ den sene no no nham.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nea ayɛ no, wɔabɔ ne din dedaw, na wonim sɛ onipa ne no, na ontumi ne nea ɔyɛ den sen no no nham.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea ɛwɔ hɔ biara, wɔato din dedaw, na sɛnea onipa te nso, wonim dedaw; onipa biara rentumi ne nea ɔwɔ ahoɔden sen no nnye eyi ho akyinnye.