Ecclesiastes 8:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwom sɛ omumuyɛfoɔ bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn no yie, wɔn a wɔdi Onyankopɔn ni no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ ɔdebɔneyɛni di asɛmmɔne mprɛha na ɔtena hɔ kyɛre a, ɛnyɛ dɛn ara a, menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn na wɔfɛre no no yie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ ɔdebɔneyɛni di asɛmmɔne mprɛha na ɔtena hɔ kyɛre a, ɛnyɛ dɛn ara a, menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn na wɔfɛre no no yie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ ɔdebɔneyɛfo di asɛmmɔne mpɛn ha na ɔtena hɔ kyɛ a, ɛnyɛ dɛn ara a, minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn na wɔfrɛ no no yiye;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwɔ mu sɛ omumɔyɛfo bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn no yiye, wɔn a wodi Onyankopɔn ni no.