Ecclesiastes 8:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti mekamfo ewiase mu anigyeɛ, ɛfiri sɛ biribiara nni owia yi ase a ɛyɛ ma onipa sene sɛ ɔbɛdidi, anom ama nʼani agye. Na afei ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna mekamfoo anigyeɛ, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia ase, gye sɛ ɔdidi na ɔnom na n’ani gye, na yei ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ama no owia aseɛ no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna mekamfoo anigyeɛ, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia yi ase, gye sɛ ɔdidi na ɔnom na n’ani gye, na yei ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ama no owia yi aseɛ no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna mekamfoo anigye, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia ase, gye sɛ odidi na ɔnom na n’ani gye, na eyi ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ma no owia ase no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti mekamfo wiase mu anigye, efisɛ biribiara nni owia yi ase a eye ma onipa sen sɛ obedidi, anom ama nʼani agye. Na afei obenya anigye wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa.