Ecclesiastes 8:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛfiri sɛ ɔyɛ deɛ ɛsɔ n’ani biara. Ɔhene anomu asɛm biara di mu, na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛfiri sɛ ɔyɛ deɛ ɛsɔ n’ani biara. Ɔhene anomu asɛm biara di mu, na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efisɛ ɔhene asɛm di tumi, na hena na obetumi aka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara de so nti, hena na obetumi aka akyerɛ no se: “Dɛn na woreyɛ yi?”