Ecclesiastes 9:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase: Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛ anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ, aduane mma onyansafoɔ nkyɛn anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔ na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn; nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mesane mehunuu owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefoɔ deɛ ne ammirikatuo, na ɛnyɛ nnɔmmarima deɛ ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafoɔ deɛ ne aduane, na ɛnyɛ nhunumufoɔ deɛ ne ahonya, na ɛnyɛ animdefoɔ deɛ ne animuonyam, na ɛberɛ ne asiane to wɔn nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mesane mehunuu owia yi ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefoɔ deɛ ne ammirikatuo, na ɛnyɛ nnɔmmarima deɛ ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafoɔ deɛ ne aduane, na ɛnyɛ nhunumufoɔ deɛ ne ahonya, na ɛnyɛ animdefoɔ deɛ ne animuonyam, na ɛberɛ ne asiane to wɔn nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne mpofirim ade to wɔn nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase: Mmirikakansi nni hɔ mma nea ne ho yɛ hare anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfo, aduan mma onyansafo nkyɛn anaasɛ ahonya nnkɔ nhumufo hɔ, na adom nnkɔ nimdefo nkyɛn; nanso bere ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.