Ecclesiastes 9:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso: Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa, ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa no saa ara na mmerɛ bɔne to nnipa wɔ ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso onipa nnim ne berɛ; sɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie mu no, saa ara na wɔyi nnipa mma berɛ bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso onipa nnim ne berɛ; sɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie mu no, saa ara na wɔyi nnipa mma berɛ bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso onipa nnim ne bere: Sɛ mpataa a woyi wɔn asawu bɔne mu ne nnomaa a woyi wɔn afiri mu no, saa ara na woyi nnipa mma bere bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne bere bɛso: Sɛnea asau buma mpataa, ne sɛnea afiri yi nnomaa no saa ara na mmere bɔne to nnipa wɔ bere a wɔn ani nni wɔn ho so.