Ecclesiastes 9:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a emu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Kuro ketewa bi wɔ hɔ, na mmarima kakraa bi na ɛwɔ mu, na ɔhenkɛseɛ bi baa ho bɛtwaa ho hyiae, na ɔtotoo ɛho abantenten akɛseɛ,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Kuro ketewa bi wɔ hɔ, na mmarima kakraa bi na ɛwɔ mu, na ɔhenkɛseɛ bi baa ho bɛtwaa ho hyiae, na ɔtotoo ɛho abantenten akɛseɛ,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Kurow ketewa bi wɔ hɔ, na mmarima kakraa bi wɔ mu, na ɔhenkɛse bi baa ho betwaa ho hyiae, na ɔtotoo ɛho abantenten akɛse,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a mu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi tow hyɛɛ kuropɔn yi so, otwaa ho hyiae na osisii mpie akɛse tiaa no.